Ephesians 3

Dwuma a Paulo di maa Amanamanmufo

1Eyi nti, me Paulo a mo Amanamanmufo nti, meyɛ Kristo Yesu deduani no, bɔ mpae srɛ Onyankopɔn. 2Akyinnye biara nni ho sɛ moate sɛ mo yiyeyɛ nti na Onyankopɔn nam nʼadom so de saa adwuma yi ama me sɛ menyɛ no. 3Onyankopɔn daa nʼahintasɛm no adi kyerɛɛ me. Makyerɛw asɛm tiaa bi afa eyi ho, 4na sɛ mokenkan nea makyerɛw no a, mobɛte me Kristo ahintasɛm no ase. 5Mmere bi a atwam no, na wɔnka saa ahintasɛm yi nkyerɛ nnipa nanso afei Onyankopɔn nam Honhom no so ada ahintasɛm no adi akyerɛ nʼasomafo ne nʼadiyifo kronkron no.

6Saa ahintasɛm yi kyerɛ sɛ Amanamanmufo wɔ kyɛfa wɔ adedi koro no mu te sɛ Yudafo a wɔyɛ nipadua koro de no na wɔnam Asɛmpa no so ahyɛ wɔn bɔ koro no ara bi wɔ Kristo Yesu mu. 7Onyankopɔn nam nʼadom akyɛde bi so yɛɛ me Asɛm no ho somfo a efi ne tumi mu.

8Ɛwom sɛ me ne aketewa pa ara wɔ nkumaa no mu nanso Onyankopɔn yɛɛ me adom sɛ menkɔka Asɛmpa a ɛfa Kristo ahonya a enni awiei no ho nkyerɛ Amanamanmufo 9na yɛmma nnipa nyinaa nhu ɔkwan a wɔbɛfa so de Onyankopɔn ahintasɛm no adi dwuma. Onyankopɔn a ɔyɛ ɔbɔadeɛ no koraa ahintasɛm no so mfe bebree 10sɛnea ɛbɛyɛ a ɛnnɛ yi wɔnam asafo, abɔfo, ɔsoro atumfo so behu Onyankopɔn nimdeɛ no nyinaa. 11Onyankopɔn nam yɛn Awurade Kristo Yesu so fi ne botae a enni awiei no mu na edii dwuma no wiei.

12Yɛne no ka bom a, yɛnam gyidi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn mu no so betumi asi yɛn bo akɔ anim.

13Mesrɛ mo, mommma mo bo nntu, efisɛ, merehu amane ma mo. Mo na mubenya ho mfaso. 14Eyi nti, mibu nkotowde wɔ Agya no 15a ɔsoro ne fam abusua biara nya ne din fi no no anim. 16Mibisa sɛ omfi nʼanuonyam dodow no mu mfa ne Honhom no so nhyɛ mo mu den, 17sɛnea ɛbɛyɛ a Kristo nam gyidi so bɛtena mo koma mu. Mebɔ mpae sɛ mobɛto ɔdɔ fapem 18sɛnea ɛbɛyɛ a mo ne Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa benya tumi ate Kristo dɔ a ɛkorɔn no ase 19na moahu Kristo dɔ a ɛtra adwene no, na moayɛ ma wɔ Onyankopɔn mu.

20Na nea otumi yɛ ma ɛtra ade nyinaa ma ɛboro so kyɛn nea yɛsrɛ anaasɛ yesusuw sɛnea tumi a ɛyɛ yɛn mu adwuma no te no, 21ɔno na Kristo Yesu mu, anuonyam nka no asafo no mu mfa nkɔ beresanten a ɛbɛba awo ntoatoaso nyinaa mu. Amen.

Copyright information for TwiNAK